Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 27:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na adiwo no ano pon no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; n'adum anan ne ne nnyinaso anan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 27:16
10 Iomraidhean Croise  

Ɔhyɛ mmobɔmu atadeɛ, na wɔde no brɛ ɔhene, wɔde mmaabunu a wɔyɛ ne mfɛfoɔ di n’akyi bɛbrɛ wo.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano.


Na nkyɛn ha nso ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa.


Adum no a ɛtwa adihɔ no ho hyia nyinaa mmeabeaeɛ a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, na ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinasoɔ ayɛ kɔbere mfrafraeɛ.


Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ.


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano.


ne adenwono aboomu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa.


Wɔrennya asadeɛ nkyɛ? Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ, mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan