Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 26:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 26:1
29 Iomraidhean Croise  

ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.


Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.


Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.


Na sika a waboro na fa yɛ Kerubim mmienu no, na fa sisi mpata adwa no tiri mmienu no so.


bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa fufuo, mmirekyie nwi,


Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.


Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano.


ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no ne mpata adwa no a ɛsi soɔ no ne ntomadan no ho ade nyinaa;


tenabea no, ntomadan ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ ne ne ntaaboɔ a ɛsisi ho, ne mmeamu, n’adum ne ne nnyinasoɔ;


Wɔn na ɔde akoma mu nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni adwini ahodoɔ nyinaa, sikadwumfoɔ, duadwumfoɔ, ɔnwomfoɔ a ɔdi bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini ne ntomanwomfoɔ deɛ; wɔn a wɔdi adwini biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwini ahodoɔ.


ne bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi.


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu.


Na wɔboroo sika tratra twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa no mu adi no adwini.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no.


Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,


Wɔn na wɔnsoa tenabea no ntoma no ne ahyiaeɛ ntomadan no, ne nkatasoɔ, ne sukraman akatasoɔ a ɛwɔ soɔ no ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan.


sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ.


Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.


Na ɛno yɛ mfatoho de ma seesei berɛ yi, sɛdeɛ wɔde ayɛyɛdeɛ nso ma, ɛne afɔdeɛ a ɛntumi mma deɛ ɔsom no nni mu n’ahonim fam,


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan