Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 24:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Mose de mogya no fa guguu nyowa mu, na mogya no fa no nso ohwie guu afɔremuka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 24:6
22 Iomraidhean Croise  

na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ɔse: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa soɔ no mogya nie.


Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kane apam no nso aseɛ.


na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim.


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.


na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.


na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔnku no afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.


Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.


Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia.


Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.


Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.


Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wɔbɛdi wɔ mu no aponnwa mmienu ne aponnwatifi no ho.


Saa ara nso na adidie no akyiri no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforɔ me ara me mogya mu; da biara a mobɛnom no monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.


ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.


Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so


Na ntomadan ne asɔfodwuma nnoɔma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara.


Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan