2 Mose 22:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron9 Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm9 Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON9 Mmarato ho asɛm biara, nantwi de oo, afurum de oo, oguan de oo, atade de oo, ade a ayera biara a obi bɛka sɛ “ɛne no” de oo, Onyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Nea Onyankopɔn bebu no fɔ no, ɔmmɔ ho abien nhyɛ ne yɔnko no ananmu. Faic an caibideil |