Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 22:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ wohu owifo sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no ade na owu a, wonni ne mogya ho fɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 22:2
11 Iomraidhean Croise  

Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ.


Esum mu na wɔhwirehwire adan mu; wɔto wɔn ho pono mu awia, wɔnnim hann.


Wɔatu wɔn afiri nnipa mu, wɔhuro wɔn sɛ owifoɔ.


Nso w’atadeɛ mmuano mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem no mogya. Ɛwom sɛ woanhunu sɛ wɔrebubu adan kɔ mu, nanso yeinom nyinaa akyiri no


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


wɔyɛ kuro mu manyamanya, wɔtutu ɔfasuo so mmirika, wɔforo ba afie mu, wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ.


na mogya ho weretɔfoɔ no kɔto no ne dwanekɔbea kuro no hyeɛ akyi, na mogya ho weretɔfoɔ no kɔkum onipakumfoɔ no a, ɔnni mogya ho fɔ.


Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.


Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo.


Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan