Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 21:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nni a ontua hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nkodi kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 21:2
18 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii.


Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me?


Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi.


Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne no nkɔ.


Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no.


na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no.


Na sɛ wɔamfa yeinom so annye no a, ɛnneɛ, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkɔdi, ɔno ne ne mma nyinaa.


Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.


Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.


Mfirinhyia nson biara awieeɛ no, gya biribi mu kyɛ.


Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgya no kwan na wafa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdie, na wasom wo mfirinhyia nsia ayɛ ɔpaani akatua mmienu ho adeɛ; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo deɛ woyɛ nyinaa mu.


Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan