Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Mmara a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 21:1
27 Iomraidhean Croise  

Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.


Asɛm biara a ɛba mo anim a ɛfiri mo nuanom a wɔtete wɔn nkuro mu, na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm, anaa mmara ne ɛmom, ahyɛdeɛ ne atemmuo ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni fɔ wɔ AWURADE anim, na abufuo amma mo ne mo nuanom so; monyɛ saa, na morenni fɔ.


wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;


Ɔyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ kyerɛ Israel.


Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim.


Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.


Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,


Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo,


Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.


Na monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.


Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.


ɛnneɛ asafo no nnyina saa ahyɛdeɛ yi so mmu onipakumfoɔ no ne mogya ho weretɔfoɔ no ntam atɛn.


Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no gya no kwan ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi.


Na me nso AWURADE hyɛɛ me berɛ no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so.


Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn


Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.


Na ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ tenenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?


Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.


Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.


Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,


Sɛ ɔkyena bi, wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi?


Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan