Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 2:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 2:23
31 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ɔba, na wobɛto ne din Ismael, sɛ AWURADE ate w’amanehunu.


Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.


Nhyɛsoɔ bebrebe nti na ɛma wɔteam, wɔsu frɛ ɔboafoɔ, nnipa akɛseɛ nsa ase.


Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim.


Nyi w’anim nhunta me, da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: Sane kɔ Misraim, ɛfiri sɛ nnipa a na wɔrehwehwɛ wo aku woɔ no nyinaa awuwu.


Nanso mate Israelfoɔ a Misraimfoɔ di wɔn nya no apinisie, na makae m’apam no.


Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.


Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirinhyia aduɔwɔtwe mmiɛnsa.


na ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adanseɛ ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wɔsu frɛ AWURADE, ahafoɔ anim a, wasoma ɔgyefoɔ ne ɔsɛnnifoɔ aba wɔn nkyɛn abɛgye wɔn.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fie, na Yuda mmarima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee, nanso hwɛ, mogyahwieguo; ɔhwehwɛɛ tenenee, nanso hwɛ, osu!


na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.


Na mfirinhyia aduanan duruiɛ no, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ no wɔ serɛ so, Sinai bepɔ ho, wɔ wura bi gyaframa mu.


Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.


Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan