Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 2:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Nso Midian sɔfo wɔ mmabea baasɔn; na wɔbae bɛtow nsu de hyehyɛɛ adaase no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nguan anom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 2:16
11 Iomraidhean Croise  

Na Salem hene Melkisedek de paanoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ.


Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.


Hwɛ, meregyina asubura yi so ha; na kurom hɔfoɔ mmammaa bɛfiri abɛsa nsuo.


Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano.


Na Farao frɛɛ Yosef Safnat-panea. Na ɔde On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat maa no awareɛ.


Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no.


Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.


Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.


Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan