Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na fi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me de, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 17:9
18 Iomraidhean Croise  

Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin.


Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so.


Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsane ba nsraban no mu a, ne somfoɔ Nun ba Yosua a ɔyɛ aberanteɛ no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.


Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi?


Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so, na ɔsane baa Misraim asase so. Na Mose faa Nyankopɔn poma no kurae.


Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn!


yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so.


Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.


Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.


Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Tene pea a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede bɛhyɛ wo nsa. Na Yosua tenee ne pea a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kuro no.


Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan