Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 17:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 17:3
9 Iomraidhean Croise  

Na wode ɔsoro aduane maa wɔn de kumm wɔn kɔm, na woyii nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn de kumm wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmɛdi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.


Na wode wo Honhom pa no nso maa sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma no ampa wɔn ano, na nsuo nso womaa wɔn de kumm wɔn sukɔm.


Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn, wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu.


Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi?


Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Na adɛn nti na mode AWURADE man aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan