Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 17:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 17:2
32 Iomraidhean Croise  

Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm, wɔantwɛn n’agyinatuo.


Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so.


Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn akoma mu, bisaa no aduane sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ,


Na wɔsane sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔyii Israel Kronkronni no ahi.


Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tee no atua, na n’adansesɛm no, wɔanni so.


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.


Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.


Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.


mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,


Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.


Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!


Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.


Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!


Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ?


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;


Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo.


deɛ mo agyanom gyegyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛeɛ, na wɔhunuu me nnwuma mfirinhyia aduanan.


Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan