Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo asafo no nyinaa tu fii Sin sare so, wɔn atutena a wodii no AWURADE anom asɛm so no mu, na wɔbɛbɔɔ nsra wɔ Refidim; nso na nsu a ɔman no bɛnom nni hɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 17:1
8 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.


Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.


Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.


Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.


Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron.


Na sɛ mununkum no ma ne ho so firi ntomadan no so a, na Israelfoɔ no tuo; na deɛ mununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no kyere nsraban.


AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan