Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 16:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 16:7
17 Iomraidhean Croise  

Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose.


Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.


nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.


Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Na Mose kaa sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE hyɛeɛ no, monyɛ, na AWURADE animuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo.


Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate.


Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?


Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi.


Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan