Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 15:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ wadi nkonim anuonyam mu; Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no agu po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa AWURADE kae sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 15:1
27 Iomraidhean Croise  

Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.


Kae sɛdeɛ wobɛkamfo ne nneyɛɛ a adasa ato ho dwom no.


na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe.


Ɛnna wɔgyee ne nsɛm diiɛ, wɔtoo n’ayeyie dwom.


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho, ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,


Wone me huntabea, wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me, na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.


Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.


Wo na wo ho yɛ hu, na sɛ wo bo refu a, hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so.


Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na AWURADE kaa wɔn guu po no mfimfini.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie, na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ; na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutenafoɔ;


Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.


me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.


Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ: Asubura, tue! Monnye no so!


na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan