Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ AWURADE de wo nya du Kanaanfo ne Hetifo ne Amorifo ne Hewifo ne Yebusifo asase a ɔkaa w'agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo, asase a nufusu ne wo sen so no so a, ɛno de, fa ɔsom yi som no ɔsram yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 13:5
31 Iomraidhean Croise  

Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Na monni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛdeɛ mma wo ne wo mma nkɔsi daa.


Enti di atorɔmudeɛ yi so wɔ ne berɛ mu afe daa.


Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a,


Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim firi ha kɔ, wo ne ɔman a wokɔyii wɔn firi Misraim baeɛ no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no so.


Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim.


Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!


na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.


Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so?


Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.


Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ.


morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.


Mmarima a wɔfiri Misraim baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no renhunu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, ɛfiri sɛ wɔanni m’akyiri anwie!


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a worekɔ hɔ akɔtu wɔn no firi w’anim, na wotu wɔn tena wɔn asase so a,


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a ɔde wɔn asase rema woɔ no, na wotu wɔn tena wɔn nkuro ne wɔn adan mu a,


Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa tena so a,


Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,


Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan