Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 13:2
19 Iomraidhean Croise  

na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,


na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.


W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: M’abakan ne Israel.


Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,


sɛ wokunkumm me mma na woyii wɔn maeɛ maa wɔfaa ogya mu maa wɔn no?


Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea.


Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.


Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.


Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.


(sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)


W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan