Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 13:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɛnyɛ wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ntamabamma, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn fii Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 13:16
18 Iomraidhean Croise  

Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.


Na ɔyii Israel firii wɔn mu no, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo.


Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa, na fa bebare wo kɔn ho hyia.


Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.


Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.


Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;


Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.


Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Na anka yɛyɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn firii Misraim;


Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan