Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 13:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ Awurade dea. Enti momfa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 13:12
17 Iomraidhean Croise  

na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,


na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:


Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.


Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.


Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.


Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea.


Na afunumu abakan deɛ, fa odwan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnneɛ bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmɛpue m’anim.


Na wofaa wo mmabanin ne wo mmammaa a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni. W’adwamammɔ yɛ ade ketewa,


Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie.


Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea.


Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.


Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.


Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.


Na Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: Da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefaeɛ.


(sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)


W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan