Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Ɔsram yi da a ɛto so du no, wɔmfa nguammaa mmiako mmiako, sɛnea wɔn mpanyin fi tetee; ofi biako oguammaa biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 12:3
26 Iomraidhean Croise  

Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.


Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,


Na Yosia yii nnwan nnwanten mma ne mmirekyie mma maa ɔman mma no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔdeɛ, wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa ne anantwie nso mpensa. Yei nyinaa firi ɔhene akoradeɛ mu.


Momfa bosome yi nyɛ abosome ti, na ɛnyɛ mo afe mu bosome a ɛdi kan.


Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi nnwan mfa, sɛdeɛ mo mmusua teɛ, na monkum twam aboa no.


Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die.


Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim.


Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.


Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no wɔ ɔman no anim.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!


Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ.


Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfokuo pii a wɔbaa afahyɛ no aseɛ tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,


Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso.


Enti anɔpa, wɔmfa mo mpinkyɛ mmusuakuo mmusuakuo. Na abusuakuo a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini afie, na efie a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwe mpini mmaako mmaako.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan