Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 11:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wo nkoa yi nyinaa besian aba me nkyɛn abɛkotow me aka sɛ: Fi adi kɔ, wo ne ɔman a edi w'akyi no nyinaa. Na ɛno akyi no mefi makɔ. Na ɔde abufuhyew fii Farao nkyɛn kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 11:8
18 Iomraidhean Croise  

Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.


Ɛnna Israel hene, Yuda hene ne Edomhene sii mu kɔeɛ; na wɔtwaa nnanson kwan, na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyire.


Na metee wɔn nteamu ne nsɛm yi no, me bo fuu pa ara.


AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim, na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso.


Na Mose buaa sɛ: Aane mate! Meremma w’anim bio.


Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.


Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.


Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.


Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?


Ɛkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfuturo mu awɔ borɔ.


Gyidie nti na ɔgyaa Misraim hɔ, na wansuro ɔhene abufuo, na mmom ɔmiaa n’ani tenaa mu sɛdeɛ ɔhunu deɛ wɔnhunuu no no.


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.


Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan