Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 11:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Mose kaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Anadwo dasuo mu no, mɛfiri adi mafa Misraim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Mose kaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Anadwo dasuo mu no, mɛfiri adi mafa Misraim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea Awurade se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Mose kae sɛ: Sɛ Awurade se ni: Anadwo dasu mu no, mefi adi mafa Misraim,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 11:4
12 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.


Mpofirim na wɔwuo, na adasuo mu na aman hinhim na wɔsene korɔ, na wɔpra aberempɔn kɔ, nso ɛnnam onipa nsa so.


Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Ɔde adi adanseɛ, Yosef mu, ɛberɛ a ɔfirii adi faa Misraim asase soɔ, metee obi a menni no kasa.


Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.


Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa.


AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.


Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu, mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum, na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛsane mafa wo mu, AWURADE na ɔseɛ.


Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba. Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu, na wɔfa mu firi adi bio. Na wɔn hene sene di wɔn anim, na AWURADE di wɔn kan.


Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan