Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 11:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE maa ɔman no anim yɛɛ nyam wɔ Misraimfo anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛse pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 11:3
14 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n’anim baa nyam wɔ afiasehwɛni no anim.


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ.


Na Israelfoɔ no yeyɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wɔbisabisaa Misraimfoɔ hɔ dwetɛ nnwinneɛ, sika nnwinneɛ ne ntoma.


Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfoɔ anim, na wɔde deɛ wɔbisaeɛ maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfoɔ agyapadeɛ no kɔe.


Na mɛma ɔman yi anim aba nyam wɔ Misraimfoɔ anim, na ɛbɛba sɛ morekɔ a, morenkɔ no nsapan.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu.


Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.


Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ.


Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wɔsuroo no sɛdeɛ wɔsuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan