Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 1:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Nanso dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow ara na wɔdɔe, na wɔtrɛwee. Na Misraimfo suroo Israelfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 1:12
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.


Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba abɛdi soɔ no so.


Na ahisɛm kum agyimifoɔ, na ninkuntwe kum atetekwaa.


Na ɔmaa ne man ase kyenee bebree, na ɔmaa wɔyɛɛ den sene wɔn ahohiahiafoɔ.


Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan.


Enti Onyankopɔn ne awogyefoɔ no dii no yie. Na nkurɔfoɔ no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yie.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sene yɛn.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?


Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.


Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi.


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan