Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 1:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkurow Pitom ne Rameses maa Farao.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 1:11
21 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan.


Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.


ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa no so.


Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene maa wɔkɔɔ Israel nkuro so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkuro aduane akoraeɛ nyinaa.


Na ɔkyekyeree Tadmor wɔ ɛserɛ so ne adekora nkuro a ɔkyekyeree no Hamat no nyinaa.


na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu, wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,


Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka ɛ,


wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, nanso wɔantumi me.


Motete nnwammuo ntam a, ɛte sɛ aburuburo ntaban a wɔde dwetɛ agu ho, ne ne ntakra a sika fɛfɛ hran ho.


Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho;


Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu.


Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini.


Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate.


Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio.


Ɛnna Israelfoɔ ahwɛfoɔ no ba bɛsu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa?


Na ntaayaa dodoɔ a na wɔyɛ daa no, monnye wɔn, monnyi so bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ, enti na wɔsu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ no.


Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?


sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;


na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan