Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 1:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso, na sɛ ɔsa bi ba a, wɔankɔdɔm yɛn atamfo ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 1:10
13 Iomraidhean Croise  

Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu, na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.


Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no, wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.


Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man, na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so.


Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm, ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.


Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie.


Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no.


Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Ɔno na ɔde aniteɛ hyɛɛ yɛn nkurɔfoɔ soɔ, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔmaa wɔtotoo wɔn mma nkɔkoaa gui, na ama wɔannya nkwa.


Na Filistifoɔ asafohene no bo fuu no, na Filistifoɔ asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsane, na ɔnsane nkɔ ne tenabea a wode no tenaeɛ hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannane n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdeɛn na oyi de bɛpata ne wura? Ɛnyɛ nnipa yi ti?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan