Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Berɛsosɛm 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na Awurade anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree Awurade kamfoo no se, “Oye! Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na Awurade animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree Awurade kamfoo no sɛ, “Ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Israel mma no nyinaa hui sɛ ogya ne AWURADE anuonyam abeduru ofi no so no, wɔde wɔn anim butubutuw fam abo nsɛwee no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Berɛsosɛm 7:3
26 Iomraidhean Croise  

Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.


Ɛnna Yehosafat koto de n’anim butuu fam, na Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE.


Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ.


Na wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔhene ne wɔn a na wɔka ne ho no nyinaa kotokoto sɔree.


Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,


Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.


Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,


Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa, AWURADE ayeyi no, sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa, na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan