Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Berɛsosɛm 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Solomon fii ase sii AWURADE fi no Moria bepɔw a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛe, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Berɛsosɛm 3:1
10 Iomraidhean Croise  

Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, Dawid mforo nkɔ nkɔsi afɔrebukyia mma AWURADE Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.


Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no.


na Yohanan woo Asaria. (Ɔno na ɔdii sɔfoɔ wɔ asɔredan a Salomo sii no Yerusalem no mu).


Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu.


Nanso Salomo na ɔsii efie no maa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan