Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Berɛsosɛm 26:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Usia dii mfeɛ dunsia na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yekalia a ɔfiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Usia dii mfeɛ dunsia na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yekalia a ɔfiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Usia dii mfe dunsia na obedii hene, na odii hene mfe aduonu abien Yerusalem. Na ne na din de Yekalia, ofi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Berɛsosɛm 26:3
8 Iomraidhean Croise  

Ɔno na ɔkyekyeree Elot, na ɔdane maa Yuda, akyire yi a ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no ara.


Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.


Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.


Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan