Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Berɛsosɛm 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Solomon soma kɔɔ Tiro hene Huram nkyɛn sɛ: Sɛnea wo ne m’agya Dawid yɛe na wobrɛɛ no kyeneduru nnua na ɔde sii ne fi tenaa mu no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Berɛsosɛm 2:3
18 Iomraidhean Croise  

Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.


Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.


Na wɔhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE daa anɔpa ne anwummerɛ ne ɔhyeɛ aduhwam no. Na wɔsiesie kyerɛ paanoo wɔ ɔpono kronkron no so, na sika kaneadua ne ne kanea no, wɔsɔ no daa anwummerɛ. Na yɛn deɛ, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no, na mo deɛ, moagya no.


Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.


Na Salomo yɛɛ Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa ne sika afɔrebukyia no ne apono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no


sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna.


Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho deɛ, wɔnsi efie no mma no nyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛ basafa aduasa nso,


Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.


Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa.


Na yei ne afɔdeɛ a bɔ wɔ afɔrebukyia no soɔ: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔdeɛ daa.


Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ;


Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.


Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m’afahyɛ nna no nie.


Na ɔde aduane afɔdeɛ no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyee no afɔrebukyia no so kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


Na homeda deɛ, nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre ne ɛho ahwiesa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan