Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Berɛsosɛm 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraafodɔm ntuanofo, atemmufo, amanyɛ ne mmusua ntuanofo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraadɔm ntuanofoɔ, atemmufoɔ, amanyɛ ne mmusua ntuanofoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Solomon kasa kyerɛɛ Israelfo nyinaa, mpem ne ɔha ha so asafohene ne akannifo ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ mpanyimfi atitiriw no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Berɛsosɛm 1:2
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ.


Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ.


Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.


Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.


Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.


Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem.


Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.


Na Salomo ne badwa a wɔka ne ho no nyinaa sii mu kɔɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no. Ɛhɔ na na Nyankopɔn ahyiaeɛ ntomadan a AWURADE akoa Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no wɔ.


Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.


Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne badwa no nyinaa atu agyina wɔ Yerusalem sɛ wɔbɛdi Twam bosome a ɛtɔ so mmienu no so. —


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan