Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 5:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yegye adanse a nnipa di no di; nanso adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Yegye nnipa adanse a, Onyankopɔn adanse so kyɛn no, na Onyankopɔn adanse ne adanse a wadi ne ba ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 5:9
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no wɔ adanseɛ, ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba ho no anni.


Honhom, nsuo ne mogya, na baasa yi bɔ mu yɛ baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan