Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 5:3
26 Iomraidhean Croise  

Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.


W’asɛm yɛ gyenegyene pii, na w’akoa dɔ no.


na mɛnante tɛtrɛtɛ mu, na medi wo nsiesieeɛ akyi.


na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.


N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ,


Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa, ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.


Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa.


Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho;


na meyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm so adɔeɛ.


Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.


Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan