Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 4:4
28 Iomraidhean Croise  

Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.


ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.


Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no.


Aduane yɛ yafunu dea, na yafunu nso yɛ aduane dea; na Onyankopɔn bɛma ne mmienu ayɛ kwa. Na nipadua nyɛ adwamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


na ɔmma Kristo mfa gyidie so ntena mo akoma mu, na moagye ɔdɔ mu nhini atim mu,


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim Agya no.


sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa.


Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Yei mu na yɛhunu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom.


Na yɛn deɛ, yɛahunu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na deɛ ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te no mu.


Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.


Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.


Ɛfiri sɛ biribiara a Onyankopɔn woeɛ no di wiase so nkonim, na yei ne nkonim a yɛadi wiase soɔ, mekyerɛ yɛn gyidie.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan