Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yei mu na monhunu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no firi Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Eyi mu na munhu Nyankopɔn honhom. Honhom biara a ɔpae mu ka sɛ Yesu Kristo aba honam mu no fi Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 4:2
10 Iomraidhean Croise  

Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso.


Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Na honhom biara a ɔnka sɛ Yesu aba (honam mu) no mfiri Nyankopɔn mu. Na yei ne antikristo a moate sɛ ɔreba na afei wanya aba wiase no deɛ.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan