Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 4:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 4:1
29 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.


Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhudeɛ mu. Wɔn adwene mu anisoadehunu na wɔka, ɛmfiri AWURADE anomu.


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni.


Na adɛn na mo ara nso mommu deɛ ɛtene ho atɛn?


Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!


Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.


Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.


Obi nso wɔma no tumideɛyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no honhom ahodoɔ mu nhunumu, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ nkyerɛaseɛ.


Adiyifoɔ no deɛ, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn.


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.


mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Na adiyifoɔ atorofoɔ nso wɔ ɔman no mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛeɛ fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ɔgyee wɔn no mpo, na wɔde ɔsɛeɛ a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.


Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie.


Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.


Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan