Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 3:10
26 Iomraidhean Croise  

Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa. Na Absalom tanee Amnon, sɛ wabrɛ ne nua Tamar aseɛ nti.


afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;


Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.


Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma


na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu.


kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?


Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.


Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,


Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.


Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.


Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.


Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.


Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.


Deɛ ɔnnɔ no, nhunuu Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔdɔ.


Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.


Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan