Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 3:1
33 Iomraidhean Croise  

Nanso yei da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn; na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fie; na woakyerɛ me awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, AWURADE Nyankopɔn,


Wo papa a wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no sɛdeɛ asi so fa! Ɛno na woyi kyerɛ wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ no, nnipa anim.


Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio.


Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.


Nso wɔntumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfoɔ, na wɔyɛ Nyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyane mma ntira.


Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma


na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.


Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.


Agya Tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me;


Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.


Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie.


sɛ abɔdeɛ no ara nso bɛfa ne ho adi afiri ɔsom a ɛsom porɔeɛ no mu akɔ Nyankopɔn mma animuonyam adehyedie mu.


Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara;


Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.


Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no.


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan