Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi ahyɛaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛde foforo na merekyerɛw mabrɛ mo, na mmom ahyɛde dedaw a moanya fi mfiase no. Ahyɛde dedaw no ne asɛm a moate no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 2:7
22 Iomraidhean Croise  

Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.


Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo.


Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase?


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam deɛ, yɛn ani da deɛ ɛyɛ sene saa a ɛbata nkwagyeɛ ho so.


Enti mo deɛ, deɛ mote firii mfitiaseɛ no, momma no ntena mo mu; na sɛ deɛ mote firii mfitiaseɛ no tena mo mu a, ɛnneɛ mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.


Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,


Adɔfo, afei yɛyɛ Nyankopɔn mma, na deɛ yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yɛnim sɛ, sɛ ɔyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhu no sɛdeɛ ɔteɛ.


Adɔfo, sɛ yɛn akoma mmu yɛn fɔ a, ɛnneɛ yɛde nnam kɔ Nyankopɔn anim,


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Adɔfo, monnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wɔfiri Onyankopɔn anaa; ɛfiri sɛ adiyifoɔ atorofoɔ bebree aba wiase.


Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.


Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.


Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na ɔnim Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan