Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛnim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 2:3
26 Iomraidhean Croise  

Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛ m’akomam.


Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a, ɛnneɛ anka m’ani renwu.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim Agya no.


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


Na yei mu na yɛbɛhunu sɛ yɛfiri nokorɛ no mu, na yɛbɛdwodwo yɛn akoma wɔ n’anim sɛ,


Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu no, nanso ɔnnim no.


Yei mu na yɛhunu sɛ yɛte ne mu, na ɔno nso te yɛn mu, sɛ wama yɛn ne honhom.


Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na ɔnim Onyankopɔn.


Yɛnim sɛ, yɛfiri Onyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefoɔ no tumi ase.


Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma.


Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.


Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.


Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan