Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Mma nkumaa, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, ne din nti wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Me mma, merekyerɛw mo, efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Me mma, meretwerɛ mo, ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Mma nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo, sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 2:12
22 Iomraidhean Croise  

Nanso ne din nti ɔgyee wɔn, sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.


Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fakyɛ kyerɛ mo;


Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Ɔno ara mu na yɛanya ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, a ɛne mfomsoɔ fakyɛ no wɔ n’adom bebree mu.


Na momma mo yam nyɛ yie na ɛnhyehye mo mmema mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Ɔno mu na yɛanya ɔgyeɛ ne bɔne fakyɛ.


Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


Mantwerɛ mammrɛ mo sɛdeɛ monnim nokorɛ no, na mmom sɛ monim, ne sɛ atorɔ biara mfiri nokorɛ no mu.


Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛdeɛ foforɔ na meretwerɛ mabrɛ mo, na mmom ahyɛdeɛ dada a moanya firi mfitiaseɛ no. Ahyɛdeɛ dada no ne asɛm a moateɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan