Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Deɛ ɔdɔ ne nua no wɔ hann no mu, na suntidua nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Deɛ ɔdɔ ne nua no wɔ hann no mu, na suntidua nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nea ɔdɔ ne nua no te hann no mu, na hintidua nni ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 2:10
14 Iomraidhean Croise  

Asomdwoeɛ pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwereɛ dummienu na ɛwɔ da baako mu? Sɛ obi nam awia a, ɔnsunti, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann;


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ.


Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa;


Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.


na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no,


Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.


Na deɛ ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ, ɛfiri sɛ esum no afira n’ani.


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan