Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yedi atoro na yɛnnantew nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 1:6
25 Iomraidhean Croise  

Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.


Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa?


afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ kɔnante sum akwan soɔ no ho,


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


na sɛ obi nam anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ hann nni ne mu.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.


atorofoɔ nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awuo.


Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie, nanso ɔnni nnwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? Gyidie bɛtumi agye no anaa?


na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?


Na ebia obi bɛka sɛ: Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.


Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.


deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.


Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan