Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na kaseɛ a yɛtee ne nkyɛn na yɛbɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 1:5
19 Iomraidhean Croise  

esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ.


AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?


Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ, wo hann mu na yɛhunu hann.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


O, Yakob fie, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnante AWURADE hann mu.


Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam.


ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi, ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu, na hann ne no na ɛteɛ.


Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.


Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo,


deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Na yei ne kaseɛ a moate firi mfitiaseɛ sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan