Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Yohane 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Yohane 1:1
23 Iomraidhean Croise  

Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,


Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.


Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi.


Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ: Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di!


Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu;


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.


Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ.


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Na yɛahunu na yɛdi adanseɛ sɛ, Agya no asoma Ɔba no sɛ wiase Agyenkwa.


Na baasa na ɛdi adanseɛ:


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Nyankopɔn Asɛm.


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan