Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 (Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 (Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 (Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:9
16 Iomraidhean Croise  

Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE.


Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:


Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ:


Na nnoɔma nyinaa nso a ɔdehunufoɔ Samuel ne Kis ba Saulo ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab yɛɛ no kronkron no, ɛhyɛ Selomot ne ne nuanom nsa.


Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.


Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so.


Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.


Na ɛberɛ no mu no, Ɔdehunufoɔ Hanani baa Yudahene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnam sɛ wotweree Siriahene na woantwere AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siriahene dɔm no afiri wo nsa.


AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.


Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!


Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehunufoɔ, kɔ. Bɔ wo ho adwaa kɔ Yuda asase so, na kɔdidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.


Sɛ nipadua nyinaa yɛɛ ani a, anka ɔteɛ wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛɛ ɔteɛ a, anka ohua wɔ he?


Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan