Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Saulo buae se, “So mimfi Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuw no mu. Na me fi nso nyɛ ketewa koraa wɔ Benyamin afi no nyinaa mu. Na adɛn nti na woka eyi kyerɛ me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Saulo buaa sɛ, “Mefiri Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuo no mu. Na me fie nso yɛ ketewa koraa wɔ Benyamin mmusua no nyinaa mu. Na adɛn enti na woka yei kyerɛ me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na Saul buae sɛ: Me de, meyɛ Benyaminni, na Israel mmusuakuw mu ketewa no mu na mifi, na m’abusua ne Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa mu ketewa. Na ɛdɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:21
13 Iomraidhean Croise  

Benyamin akumaa, wɔn sodifoɔ, wɔ hɔ, Yuda atitire, wɔn asafohene ahodoɔ, Sebulon atitire ne Naftali atitire wɔ hɔ.


Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo, Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ Abiel mma.


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ?


Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.


Na Samuel faa Saulo ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn kɔɔ adidiiɛ, na ɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ wɔn a wɔahyia wɔn no ti: Wɔbɛyɛ nnipa aduasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan