Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Na mfurum a wɔyeraa nnɛnnansa no, mma wɔn ho asɛm nhaw wo koraa, efisɛ wɔahu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo se, Israel anidaso nyinaa yɛ wo ne wo fifo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Na mfunumu a wɔyeraeɛ nnansa ne ɛnnɛ no, mma wɔn ho asɛm nha wo koraa, ɛfiri sɛ, wɔahunu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Israel anidasoɔ nyinaa yɛ wo ne wo fiefoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wo mfurum a wɔyerae nnɛ nnansa no de, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hena na Israel nyinaa ani wɔ no so? So ɛnyɛ wo ne w’agya fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:20
11 Iomraidhean Croise  

Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.


Mommfa mo ho nnto amimdie so, na monnyɛ dwotwa ho ahokyerɛ. Sɛ ahonyadeɛ dɔre a, mommfa mo akoma nnto so.


Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’agya nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no. Na ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no.


Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.


Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no.


Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu asɛm no.


Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,


bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.


Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.


Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan