Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔreforo bepɔw bi akɔ kurow no mu no, wohyiaa mmabaa bi a wɔrekɔsaw nsu, na Saulo ne ne somfo no bisaa wɔn se, “Adehuni no wɔ ha nnɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔreforo bepɔ bi akɔ kuro no mu no, wɔhyiaa mmabaawa bi a wɔrekɔsa nsuo. Enti, Saulo ne ne ɔsomfoɔ no bisaa wɔn sɛ “Ademuhununi no wɔ ha ɛnnɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔreforo koko no akɔ kurow no mu no, wohuu mmabaa a wɔrefi akɔsaw nsu. Na wobisaa wɔn sɛ: Ɔdehufo no wɔ hɔ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:11
9 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.


Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.


Na wɔse: Yɛntumi, gye sɛ wɔaboaboa nnwankuo no nyinaa ano, na wɔamuni ɔboɔ no afiri abura no ano, ansa na yɛama nnwan no anom.


Na Yakob ne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n’agya nnwan no bae, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ.


Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.


Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.


Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan