Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:7
22 Iomraidhean Croise  

Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ.


Mfeɛ nson awieeɛ no, mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama no no, na sɛ ɔsom wo mfeɛ nsia a, gyaa no ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.


Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.


Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ.


Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.


Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ.


Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn a ɔne deɛ ɔgyee mo mo amaneɛ ne mo ahohia nyinaa mu no, na mose no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mommɛgyina AWURADE anim sɛdeɛ mo mmusuakuo ne mo mpempem dodoɔ teɛ.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.


Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan